Native Bible

Luke 3:2 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Saa ɛberɛ no na Pilato yɛ amrado wɔ Yudea, na Herode di Galilea mansinihene; ne nua Filipo di Iturea ne Trakoniti mansini so; na Lisania di Abilene mansinihene, ɛnna Anas ne Kaiafa nso yɛ Yudafoɔ asɔfoɔ mpanin.

Luke 3:2 in English

Luke 3:2 · Berean Standard Bible

during the high priesthood of Annas and Caiaphas, the word of God came to John son of Zechariah in the wilderness.

Context

1Kaesare Tiberio dii adeɛ ne mfeɛ dunum so na Onyankopɔn asɛm baa Sakaria ba Yohane so wɔ ɛserɛ so. 2Saa ɛberɛ no na Pilato yɛ amrado wɔ Yudea, na Herode di Galilea mansinihene; ne nua Filipo di Iturea ne Trakoniti mansini so; na Lisania di Abilene mansinihene, ɛnna Anas ne Kaiafa nso yɛ Yudafoɔ asɔfoɔ mpanin. 3Yohane kyinkyinii Asubɔnten Yordan ho nyinaa kyerɛkyerɛɛ nnipa sɛ, wɔmma wɔmmɔ wɔn asu nsakra mfiri wɔn bɔne ho, na wɔde wɔn bɔne akyɛ wɔn. 4Sɛdeɛ Odiyifoɔ Yesaia kaa sɛ, “Nne bi reteam wɔ ɛserɛ so sɛ, ‘Monsiesie ɛkwan* mma Awurade; momma nʼatempɔn ntene.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.