Luka 23:51
Luke 23:51 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Ɛwom sɛ na ɔyɛ Yudafoɔ badwafoɔ no mu baako deɛ, nanso wampene gyinaeɛ a wɔsisiiɛ ne deɛ wɔyɛeɛ no so.
Luke 23:51 in English
Luke 23:51 · Berean Standard Bible
who had not consented to their decision or action. He was from the Judean town of Arimathea, and was waiting for the kingdom of God.
Context
49Saa ɛberɛ no na Yesu nnamfo ne mmaa bi a wɔdii nʼakyi firi Galilea baeɛ no gyinagyina akyirikyiri baabi rehwɛ deɛ ɛrekɔ so no nyinaa. 50Na ɔbarima bi wɔ hɔ a wɔfrɛ no Yosef a ɔfiri Arimatea a ɛwɔ Yudaman mu. Saa ɔbarima yi, na ɔyɛ onipa pa a ɔtene wɔ Onyankopɔn anim a na ɔretwɛn Onyankopɔn Ahennie a ɛbɛba no. 51Ɛwom sɛ na ɔyɛ Yudafoɔ badwafoɔ no mu baako deɛ, nanso wampene gyinaeɛ a wɔsisiiɛ ne deɛ wɔyɛeɛ no so. 52Ɔkɔɔ Pilato nkyɛn kɔsrɛɛ Yesu amu no.* 53Ɔmaa wɔyii Yesu amu no maa no, na ɔde nwera kyekyeree no de no kɔtoo ɔboda bi a obiara nnaa mu da no mu.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.