Luka 23:50
Luke 23:50 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Na ɔbarima bi wɔ hɔ a wɔfrɛ no Yosef a ɔfiri Arimatea a ɛwɔ Yudaman mu. Saa ɔbarima yi, na ɔyɛ onipa pa a ɔtene wɔ Onyankopɔn anim a na ɔretwɛn Onyankopɔn Ahennie a ɛbɛba no.
Luke 23:50 in English
Luke 23:50 · Berean Standard Bible
Now there was a Council member named Joseph, a good and righteous man,
Context
48Nnipa a wɔbaa hɔ bɛhwɛɛ Yesu asɛnnuambɔ no hunuu sɛ wawu no, wɔde awerɛhoɔ firii hɔ kɔeɛ. 49Saa ɛberɛ no na Yesu nnamfo ne mmaa bi a wɔdii nʼakyi firi Galilea baeɛ no gyinagyina akyirikyiri baabi rehwɛ deɛ ɛrekɔ so no nyinaa. 50Na ɔbarima bi wɔ hɔ a wɔfrɛ no Yosef a ɔfiri Arimatea a ɛwɔ Yudaman mu. Saa ɔbarima yi, na ɔyɛ onipa pa a ɔtene wɔ Onyankopɔn anim a na ɔretwɛn Onyankopɔn Ahennie a ɛbɛba no. 51Ɛwom sɛ na ɔyɛ Yudafoɔ badwafoɔ no mu baako deɛ, nanso wampene gyinaeɛ a wɔsisiiɛ ne deɛ wɔyɛeɛ no so. 52Ɔkɔɔ Pilato nkyɛn kɔsrɛɛ Yesu amu no.*
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.