Luka 23:49
Luke 23:49 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Saa ɛberɛ no na Yesu nnamfo ne mmaa bi a wɔdii nʼakyi firi Galilea baeɛ no gyinagyina akyirikyiri baabi rehwɛ deɛ ɛrekɔ so no nyinaa.
Luke 23:49 in English
Luke 23:49 · Berean Standard Bible
But all those who knew Jesus, including the women who had followed Him from Galilee, stood at a distance watching these things.
Context
47Asraafoɔ panin a na ɔgyina hɔ no hunuu deɛ asi no, ɔyii Onyankopɔn ayɛ sɛ, “Ampa ara, saa onipa yi yɛ ɔteneneeni.” 48Nnipa a wɔbaa hɔ bɛhwɛɛ Yesu asɛnnuambɔ no hunuu sɛ wawu no, wɔde awerɛhoɔ firii hɔ kɔeɛ. 49Saa ɛberɛ no na Yesu nnamfo ne mmaa bi a wɔdii nʼakyi firi Galilea baeɛ no gyinagyina akyirikyiri baabi rehwɛ deɛ ɛrekɔ so no nyinaa. 50Na ɔbarima bi wɔ hɔ a wɔfrɛ no Yosef a ɔfiri Arimatea a ɛwɔ Yudaman mu. Saa ɔbarima yi, na ɔyɛ onipa pa a ɔtene wɔ Onyankopɔn anim a na ɔretwɛn Onyankopɔn Ahennie a ɛbɛba no. 51Ɛwom sɛ na ɔyɛ Yudafoɔ badwafoɔ no mu baako deɛ, nanso wampene gyinaeɛ a wɔsisiiɛ ne deɛ wɔyɛeɛ no so.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.