Luka 23:47
Luke 23:47 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Asraafoɔ panin a na ɔgyina hɔ no hunuu deɛ asi no, ɔyii Onyankopɔn ayɛ sɛ, “Ampa ara, saa onipa yi yɛ ɔteneneeni.”
Luke 23:47 in English
Luke 23:47 · Berean Standard Bible
When the centurion saw what had happened, he gave glory to God, saying, “Surely this was a righteous man.*”
Context
45Owia duruu sum na ntoma a ɛtwa asɔredan no mu nso mu tee mmienu. 46Yesu teaam denden sɛ, “Agya, wo nsam na mede me honhom mehyɛ!” Ɔkaa yei no, ɔgyaa mu. 47Asraafoɔ panin a na ɔgyina hɔ no hunuu deɛ asi no, ɔyii Onyankopɔn ayɛ sɛ, “Ampa ara, saa onipa yi yɛ ɔteneneeni.” 48Nnipa a wɔbaa hɔ bɛhwɛɛ Yesu asɛnnuambɔ no hunuu sɛ wawu no, wɔde awerɛhoɔ firii hɔ kɔeɛ. 49Saa ɛberɛ no na Yesu nnamfo ne mmaa bi a wɔdii nʼakyi firi Galilea baeɛ no gyinagyina akyirikyiri baabi rehwɛ deɛ ɛrekɔ so no nyinaa.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.