Luka 22:57
Luke 22:57 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Petro sanee sɛ, “Awuraa, mennim saa ɔbarima yi baabiara.”
Luke 22:57 in English
Luke 22:57 · Berean Standard Bible
But Peter denied it. “Woman, I do not know Him,” he said.
Context
55Petro duruu Ɔsɔfopanin no efie hɔ no, na asraafoɔ no asɔ ogya wɔ adihɔ hɔ a wɔreto; ɔno nso kɔtoo bi. 56Abaayewa bi hunuu Petro sɛ ɔreto ogya no bi no, ɔhwɛɛ no dinn kaa sɛ, “Saa ɔbarima yi yɛ Yesu akyidifoɔ no mu baako.” 57Petro sanee sɛ, “Awuraa, mennim saa ɔbarima yi baabiara.” 58Ankyɛre koraa na obi foforɔ nso hunuu no kaa sɛ, “Woyɛ nʼakyidifoɔ no mu baako.”
Petro buaa no sɛ, “Dabi, menka wɔn ho.” 59Ɛbɛyɛ dɔnhwereɛ akyi no, obi foforɔ nso sane hunuu no ka sii so dua sɛ, “Akyinnyeɛ biara nni ho sɛ saa damfo yi ka Yesu asuafoɔ no ho, ɛfiri sɛ, ɔno nso yɛ Galileani, na ne kasa koraa da no adi.”
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.