Native Bible

Luke 22:58 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Ankyɛre koraa na obi foforɔ nso hunuu no kaa sɛ, “Woyɛ nʼakyidifoɔ no mu baako.” Petro buaa no sɛ, “Dabi, menka wɔn ho.”

Luke 22:58 in English

Luke 22:58 · Berean Standard Bible

A short time later, someone else saw him and said, “You also are one of them.” But Peter said, “Man, I am not.”

Context

56Abaayewa bi hunuu Petro sɛ ɔreto ogya no bi no, ɔhwɛɛ no dinn kaa sɛ, “Saa ɔbarima yi yɛ Yesu akyidifoɔ no mu baako.” 57Petro sanee sɛ, “Awuraa, mennim saa ɔbarima yi baabiara.” 58Ankyɛre koraa na obi foforɔ nso hunuu no kaa sɛ, “Woyɛ nʼakyidifoɔ no mu baako.” Petro buaa no sɛ, “Dabi, menka wɔn ho.” 59Ɛbɛyɛ dɔnhwereɛ akyi no, obi foforɔ nso sane hunuu no ka sii so dua sɛ, “Akyinnyeɛ biara nni ho sɛ saa damfo yi ka Yesu asuafoɔ no ho, ɛfiri sɛ, ɔno nso yɛ Galileani, na ne kasa koraa da no adi.” 60Petro sanee ne mprɛnsa so sɛ, “Owura, asɛm a woreka yi nyɛ nokorɛ.” Nʼano ansi koraa na akokɔ bɔneeɛ.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.