Native Bible

Luke 21:8 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Yesu buaa sɛ, “Monhwɛ mo ho so yie na obi annaadaa mo, ɛfiri sɛ, nnipa pii bɛsɔre aka sɛ, ‘Mene Kristo no’ na ɛberɛ no abɛn, nanso monnnye wɔn nni!

Luke 21:8 in English

Luke 21:8 · Berean Standard Bible

Jesus answered, “See to it that you are not deceived. For many will come in My name, claiming, ‘I am He,’ and, ‘The time is near.’ Do not follow them.

Context

6“Ɛberɛ bi bɛba a, wɔbɛdwiri nneɛma a morekamfo yi nyinaa agu a hwee renka.” 7Wɔbisaa no sɛ, “Ɔkyerɛkyerɛfoɔ, berɛ bɛn na asɛm a woreka yi bɛsi, na ɛho nsɛnkyerɛnneɛ bɛyɛ sɛn?” 8Yesu buaa sɛ, “Monhwɛ mo ho so yie na obi annaadaa mo, ɛfiri sɛ, nnipa pii bɛsɔre aka sɛ, ‘Mene Kristo no’ na ɛberɛ no abɛn, nanso monnnye wɔn nni! 9Sɛ mote akokoakoko ne sɛ wɔsɔre tia aman a, monnsuro ɛfiri sɛ, ɛsɛ sɛ saa nneɛma yi di ɛkan ba nanso na ɛnkyerɛ sɛ awieeɛ no abɛn.” 10Ɔkaa bio sɛ, “Aman bɛsɔre aman so na ahennie asɔre ahennie so.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.