Luka 21:10
Luke 21:10 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Ɔkaa bio sɛ, “Aman bɛsɔre aman so na ahennie asɔre ahennie so.
Luke 21:10 in English
Luke 21:10 · Berean Standard Bible
Then He told them, “Nation will rise against nation, and kingdom against kingdom.
Context
8Yesu buaa sɛ, “Monhwɛ mo ho so yie na obi annaadaa mo, ɛfiri sɛ, nnipa pii bɛsɔre aka sɛ, ‘Mene Kristo no’ na ɛberɛ no abɛn, nanso monnnye wɔn nni! 9Sɛ mote akokoakoko ne sɛ wɔsɔre tia aman a, monnsuro ɛfiri sɛ, ɛsɛ sɛ saa nneɛma yi di ɛkan ba nanso na ɛnkyerɛ sɛ awieeɛ no abɛn.” 10Ɔkaa bio sɛ, “Aman bɛsɔre aman so na ahennie asɔre ahennie so. 11Asasewosoɔ a ɛyɛ hu bɛba, ɛkɔm bɛba na nneɛma a ɛyɛ hu bɛfiri ewiem asisi. 12“Nanso, ansa na yeinom nyinaa bɛsisi no, me din enti, wɔbɛtaa mo akyekye mo, de mo akɔ hyiadan mu ne afiase ne ahemfo ne atumfoɔ anim.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.