Luka 21:9
Luke 21:9 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Sɛ mote akokoakoko ne sɛ wɔsɔre tia aman a, monnsuro ɛfiri sɛ, ɛsɛ sɛ saa nneɛma yi di ɛkan ba nanso na ɛnkyerɛ sɛ awieeɛ no abɛn.”
Luke 21:9 in English
Luke 21:9 · Berean Standard Bible
When you hear of wars and rebellions, do not be alarmed. These things must happen first, but the end is not imminent.”
Context
7Wɔbisaa no sɛ, “Ɔkyerɛkyerɛfoɔ, berɛ bɛn na asɛm a woreka yi bɛsi, na ɛho nsɛnkyerɛnneɛ bɛyɛ sɛn?” 8Yesu buaa sɛ, “Monhwɛ mo ho so yie na obi annaadaa mo, ɛfiri sɛ, nnipa pii bɛsɔre aka sɛ, ‘Mene Kristo no’ na ɛberɛ no abɛn, nanso monnnye wɔn nni! 9Sɛ mote akokoakoko ne sɛ wɔsɔre tia aman a, monnsuro ɛfiri sɛ, ɛsɛ sɛ saa nneɛma yi di ɛkan ba nanso na ɛnkyerɛ sɛ awieeɛ no abɛn.” 10Ɔkaa bio sɛ, “Aman bɛsɔre aman so na ahennie asɔre ahennie so. 11Asasewosoɔ a ɛyɛ hu bɛba, ɛkɔm bɛba na nneɛma a ɛyɛ hu bɛfiri ewiem asisi.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.