Luka 21:6
Luke 21:6 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
“Ɛberɛ bi bɛba a, wɔbɛdwiri nneɛma a morekamfo yi nyinaa agu a hwee renka.”
Luke 21:6 in English
Luke 21:6 · Berean Standard Bible
“As for what you see here, the time will come when not one stone will be left on another; every one will be thrown down.”
Context
4Wɔn nyinaa de deɛ wɔanya ama aboro so no bi na ɛbɛbɔɔ afɔdeɛ, na yei deɛ, ɔfiri ne hia mu de ne sika a ɔwɔ nyinaa na abɛgu mu yi.” 5Yesu akyidifoɔ no bi kamfoo aboɔ fɛfɛ a wɔde sii asɔredan no ne adwinneɛ ahodoɔ a wɔadi agu ɛdan no ho no. Nanso, Yesu kaa sɛ, 6“Ɛberɛ bi bɛba a, wɔbɛdwiri nneɛma a morekamfo yi nyinaa agu a hwee renka.” 7Wɔbisaa no sɛ, “Ɔkyerɛkyerɛfoɔ, berɛ bɛn na asɛm a woreka yi bɛsi, na ɛho nsɛnkyerɛnneɛ bɛyɛ sɛn?” 8Yesu buaa sɛ, “Monhwɛ mo ho so yie na obi annaadaa mo, ɛfiri sɛ, nnipa pii bɛsɔre aka sɛ, ‘Mene Kristo no’ na ɛberɛ no abɛn, nanso monnnye wɔn nni!
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.