Native Bible

Luke 21:4 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Wɔn nyinaa de deɛ wɔanya ama aboro so no bi na ɛbɛbɔɔ afɔdeɛ, na yei deɛ, ɔfiri ne hia mu de ne sika a ɔwɔ nyinaa na abɛgu mu yi.”

Luke 21:4 in English

Luke 21:4 · Berean Standard Bible

For they all contributed out of their surplus, but she out of her poverty has put in all she had to live on.”

Context

2Ɔhunuu okunafoɔ hiani bi nso sɛ ɔde sika kakra bi too afɔdeɛ adaka no mu. 3Yesu ka kyerɛɛ nnipa a na wɔwɔ asɔredan mu hɔ no sɛ, “Nokorɛ mu, afɔdeɛ a okunafoɔ hiani yi bɛbɔeɛ no som bo sene afɔdeɛ akɛseakɛseɛ a asikafoɔ no bɛbɔeɛ no nyinaa. 4Wɔn nyinaa de deɛ wɔanya ama aboro so no bi na ɛbɛbɔɔ afɔdeɛ, na yei deɛ, ɔfiri ne hia mu de ne sika a ɔwɔ nyinaa na abɛgu mu yi.” 5Yesu akyidifoɔ no bi kamfoo aboɔ fɛfɛ a wɔde sii asɔredan no ne adwinneɛ ahodoɔ a wɔadi agu ɛdan no ho no. Nanso, Yesu kaa sɛ, 6“Ɛberɛ bi bɛba a, wɔbɛdwiri nneɛma a morekamfo yi nyinaa agu a hwee renka.”

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.