Native Bible

Luke 21:2 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Ɔhunuu okunafoɔ hiani bi nso sɛ ɔde sika kakra bi too afɔdeɛ adaka no mu.

Luke 21:2 in English

Luke 21:2 · Berean Standard Bible

and He saw a poor widow put in two small copper coins.*

Context

1Yesu te asɔredan mu hɔ no, ɔhunuu asikafoɔ bi a wɔde wɔn afɔrebɔdeɛ akɛseakɛseɛ regu afɔrebɔ adaka no mu. 2Ɔhunuu okunafoɔ hiani bi nso sɛ ɔde sika kakra bi too afɔdeɛ adaka no mu. 3Yesu ka kyerɛɛ nnipa a na wɔwɔ asɔredan mu hɔ no sɛ, “Nokorɛ mu, afɔdeɛ a okunafoɔ hiani yi bɛbɔeɛ no som bo sene afɔdeɛ akɛseakɛseɛ a asikafoɔ no bɛbɔeɛ no nyinaa. 4Wɔn nyinaa de deɛ wɔanya ama aboro so no bi na ɛbɛbɔɔ afɔdeɛ, na yei deɛ, ɔfiri ne hia mu de ne sika a ɔwɔ nyinaa na abɛgu mu yi.”

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.