Native Bible

Luke 20:4 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Tumi bɛn na Yohane de bɔɔ asu; ɛfiri Onyankopɔn anaa ɛfiri nnipa?”

Luke 20:4 in English

Luke 20:4 · Berean Standard Bible

John’s baptism—was it from heaven, or from men?”

Context

2“Tumi bɛn na wowɔ a wode yɛ saa nneɛma yi; na hwan nso na ɔmaa wo saa tumi no?” 3Yesu buaa wɔn sɛ, “Me nso mewɔ asɛm bi bisa mo. Monka nkyerɛ me. 4Tumi bɛn na Yohane de bɔɔ asu; ɛfiri Onyankopɔn anaa ɛfiri nnipa?” 5Wɔfaa ho adwene kaa sɛ, “Sɛ yɛka sɛ, ɛfiri Onyankopɔn a, ɔbɛbisa yɛn sɛ, ‘ɛnneɛ, adɛn enti na moannye no anni?’ 6Sɛ nso yɛka sɛ, ɛfiri onipa a, ɔman mu no nyinaa bɛsi yɛn aboɔ, ɛfiri sɛ, wɔnim sɛ Yohane yɛ odiyifoɔ.”

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.