Native Bible

Luke 20:5 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Wɔfaa ho adwene kaa sɛ, “Sɛ yɛka sɛ, ɛfiri Onyankopɔn a, ɔbɛbisa yɛn sɛ, ‘ɛnneɛ, adɛn enti na moannye no anni?’

Luke 20:5 in English

Luke 20:5 · Berean Standard Bible

They deliberated among themselves and said, “If we say, ‘From heaven,’ He will ask, ‘Why did you not believe him?’

Context

3Yesu buaa wɔn sɛ, “Me nso mewɔ asɛm bi bisa mo. Monka nkyerɛ me. 4Tumi bɛn na Yohane de bɔɔ asu; ɛfiri Onyankopɔn anaa ɛfiri nnipa?” 5Wɔfaa ho adwene kaa sɛ, “Sɛ yɛka sɛ, ɛfiri Onyankopɔn a, ɔbɛbisa yɛn sɛ, ‘ɛnneɛ, adɛn enti na moannye no anni?’ 6Sɛ nso yɛka sɛ, ɛfiri onipa a, ɔman mu no nyinaa bɛsi yɛn aboɔ, ɛfiri sɛ, wɔnim sɛ Yohane yɛ odiyifoɔ.” 7Ɛwiee aseɛ no, wɔbuaeɛ sɛ, “Yɛnnim.”

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.