Native Bible

Luke 19:36 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Yesu te afunumu ba no so rekɔ no, nnipa de wɔn ntoma sesɛɛ ɛkwan no so ma ɔfaa so.

Luke 19:36 in English

Luke 19:36 · Berean Standard Bible

As He rode along, the people spread their cloaks on the road.

Context

34Wɔbuaa wɔn sɛ, “Ne ho hia Awurade.” 35Asuafoɔ no de afunumu ba no brɛɛ Yesu de wɔn ntoma sesɛɛ ne so ma ɔtenaa ne so. 36Yesu te afunumu ba no so rekɔ no, nnipa de wɔn ntoma sesɛɛ ɛkwan no so ma ɔfaa so. 37Ɔduruu Ngo Bepɔ no so baabi a wɔrebɛsiane akɔ Yerusalem no, nʼakyidifoɔ no nyinaa de osebɔ kamfoo Onyankopɔn, yii no ayɛ wɔ Yesu anwanwadeɛ ahodoɔ a wayɛ no ho sɛ, 38“Nhyira nka ɔhene a ɔreba Awurade din mu no!” “Asomdwoeɛ ne animuonyam nka Onyankopɔn wɔ ɔsorosoro nohoa!”

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.