Native Bible

Luke 19:34 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Wɔbuaa wɔn sɛ, “Ne ho hia Awurade.”

Luke 19:34 in English

Luke 19:34 · Berean Standard Bible

“The Lord needs it,” they answered.

Context

32Asuafoɔ baanu a wɔkɔeɛ no kɔhunuu aboa no sɛ ɔsa hɔ sɛdeɛ Yesu kaeɛ no. 33Ɛberɛ a wɔresane afunumu ba no, ne wuranom bisaa wɔn sɛ, “Adɛn enti na moresane aboa no?” 34Wɔbuaa wɔn sɛ, “Ne ho hia Awurade.” 35Asuafoɔ no de afunumu ba no brɛɛ Yesu de wɔn ntoma sesɛɛ ne so ma ɔtenaa ne so. 36Yesu te afunumu ba no so rekɔ no, nnipa de wɔn ntoma sesɛɛ ɛkwan no so ma ɔfaa so.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.