Luka 19:10
Luke 19:10 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Na Onipa Ba no baeɛ sɛ ɔrebɛhwehwɛ wɔn a wɔayera na wagye wɔn nkwa.”
Luke 19:10 in English
Luke 19:10 · Berean Standard Bible
For the Son of Man came to seek and to save the lost.”
Context
8Ɛberɛ a nnipa no renwiinwii no, Sakeo bɛgyinaa Yesu nkyɛn kaa sɛ, “Awurade, ɛnnɛ, mede mʼahodeɛ mu fa kyɛ ahiafoɔ, na sɛ masisi obi wɔ biribi mu a, mɛtua mmɔho nan ama no.” 9Yesu ka kyerɛɛ no sɛ, “Ɛnnɛ na nkwagyeɛ aba efie yi mu, ɛfiri sɛ, yei nso yɛ Abraham ba. 10Na Onipa Ba no baeɛ sɛ ɔrebɛhwehwɛ wɔn a wɔayera na wagye wɔn nkwa.” 11Ɛberɛ a Yesu ne nnipa no rebɛn Yerusalem no, ɔsane buu wɔn bɛ foforɔ de kyerɛɛ wɔn sɛ, Onyankopɔn Ahennie no abɛn. 12Ɔkaa sɛ, “Ɔdehyeɛ bi a watu kwan akɔ akyirikyiri asase bi so sane kɔɔ ne kurom kɔhunuu nʼabusua mu mpanimfoɔ sɛ wɔnsi no ɔhene.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.