Native Bible

Luke 19:9 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Yesu ka kyerɛɛ no sɛ, “Ɛnnɛ na nkwagyeɛ aba efie yi mu, ɛfiri sɛ, yei nso yɛ Abraham ba.

Luke 19:9 in English

Luke 19:9 · Berean Standard Bible

Jesus said to him, “Today salvation has come to this house, because this man too is a son of Abraham.

Context

7Nnipa a wɔdi Yesu akyi no hunuu yei no, wɔnwiinwii kaa sɛ, “Ɔdebɔneyɛfoɔ yi na wakɔ akɔsoɛ no.” 8Ɛberɛ a nnipa no renwiinwii no, Sakeo bɛgyinaa Yesu nkyɛn kaa sɛ, “Awurade, ɛnnɛ, mede mʼahodeɛ mu fa kyɛ ahiafoɔ, na sɛ masisi obi wɔ biribi mu a, mɛtua mmɔho nan ama no.” 9Yesu ka kyerɛɛ no sɛ, “Ɛnnɛ na nkwagyeɛ aba efie yi mu, ɛfiri sɛ, yei nso yɛ Abraham ba. 10Na Onipa Ba no baeɛ sɛ ɔrebɛhwehwɛ wɔn a wɔayera na wagye wɔn nkwa.” 11Ɛberɛ a Yesu ne nnipa no rebɛn Yerusalem no, ɔsane buu wɔn bɛ foforɔ de kyerɛɛ wɔn sɛ, Onyankopɔn Ahennie no abɛn.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.