Luka 19:12
Luke 19:12 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Ɔkaa sɛ, “Ɔdehyeɛ bi a watu kwan akɔ akyirikyiri asase bi so sane kɔɔ ne kurom kɔhunuu nʼabusua mu mpanimfoɔ sɛ wɔnsi no ɔhene.
Luke 19:12 in English
Luke 19:12 · Berean Standard Bible
So He said, “A man of noble birth went to a distant country to lay claim to his kingship and then return.
Context
10Na Onipa Ba no baeɛ sɛ ɔrebɛhwehwɛ wɔn a wɔayera na wagye wɔn nkwa.” 11Ɛberɛ a Yesu ne nnipa no rebɛn Yerusalem no, ɔsane buu wɔn bɛ foforɔ de kyerɛɛ wɔn sɛ, Onyankopɔn Ahennie no abɛn. 12Ɔkaa sɛ, “Ɔdehyeɛ bi a watu kwan akɔ akyirikyiri asase bi so sane kɔɔ ne kurom kɔhunuu nʼabusua mu mpanimfoɔ sɛ wɔnsi no ɔhene. 13Ansa na ɔrebɛfiri nʼakwantuo no ase no, ɔfrɛɛ nʼadwumayɛfoɔ mu edu maa wɔn mu biara mina* edu ka kyerɛɛ wɔn sɛ, ‘Momfa sika yi nyɛ adwuma kɔsi sɛ mɛba.’ 14“Kurom hɔfoɔ no tee nʼahennie no ho asɛm no, wɔtuu nnipa kɔhunuu mpanimfoɔ no sɛ wɔmpɛ no.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.