3 Mose 24:12
Leviticus 24:12 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Wɔde no too afiase twɛn Awurade akwankyerɛ.
Leviticus 24:12 in English
Leviticus 24:12 · Berean Standard Bible
They placed him in custody until the will of the LORD should be made clear to them.
Context
10Ɛda bi aberanteɛ bi a ne maame yɛ Israelni na nʼagya nso yɛ Misraimni ne Israelfoɔ no baako nyaa ntɔkwa wɔ wɔn atenaeɛ. 11Ntɔkwa no mu no, Israelni babarima no domee Onyankopɔn enti wɔde no baa Mose nkyɛn sɛ wɔmmu no atɛn. Na ne maame din de Selomit a ɔyɛ Dibri a ɔfiri Dan abusua mu. 12Wɔde no too afiase twɛn Awurade akwankyerɛ. 13Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ, 14“Fa obusuyɛni no firi atenaeɛ ha kɔ na kɔka kyerɛ wɔn a wɔtee asɛm a ɔkaeɛ no nyinaa na wɔmfa wɔn nsa ngu nʼapampam; afei nnipa no nyinaa nsi no aboɔ nku no.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.