Native Bible

Leviticus 24:10 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Ɛda bi aberanteɛ bi a ne maame yɛ Israelni na nʼagya nso yɛ Misraimni ne Israelfoɔ no baako nyaa ntɔkwa wɔ wɔn atenaeɛ.

Leviticus 24:10 in English

Leviticus 24:10 · Berean Standard Bible

Now the son of an Israelite mother and an Egyptian father went out among the Israelites, and a fight broke out in the camp between him and an Israelite.

Context

8Ɛsɛ sɛ wɔde saa burodo yi sisi Awurade anim Homeda biara; ɛbɛyɛ apam a ɛnni awieeɛ ama Israelfoɔ. 9Burodo yi yɛ Aaron ne ne mmammarima dea, na ɛsɛ sɛ wɔdi wɔ kronkronbea hɔ, ɛfiri sɛ, ɛyɛ kronkron pa ara wɔ wɔn kyɛfa a ɛwɔ afɔrebɔdeɛ a wɔhye ma Awurade no mu.” 10Ɛda bi aberanteɛ bi a ne maame yɛ Israelni na nʼagya nso yɛ Misraimni ne Israelfoɔ no baako nyaa ntɔkwa wɔ wɔn atenaeɛ. 11Ntɔkwa no mu no, Israelni babarima no domee Onyankopɔn enti wɔde no baa Mose nkyɛn sɛ wɔmmu no atɛn. Na ne maame din de Selomit a ɔyɛ Dibri a ɔfiri Dan abusua mu. 12Wɔde no too afiase twɛn Awurade akwankyerɛ.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.