3 Mose 16:5
Leviticus 16:5 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Afei, Israelfoɔ bɛbrɛ no mmirekyie mmienu a wɔde bɛbɔ wɔn bɔne ho afɔdeɛ ne odwennini a wɔde bɛbɔ wɔn ɔhyeɛ afɔdeɛ.
Leviticus 16:5 in English
Leviticus 16:5 · Berean Standard Bible
And he shall take from the congregation of Israel two male goats for a sin offering and one ram for a burnt offering.
Context
3“Sɛ ɔpɛ sɛ ɔkɔ hɔ a, deɛ ɛsɛ sɛ ɔyɛ nie: Ɛsɛ sɛ ɔde nantwinini ba ba ma wɔde bɔ bɔne ho afɔdeɛ na ɔde odwennini nso ba ma wɔde bɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ. 4Ɛsɛ sɛ ɔdware na ɔhyɛ atadeɛ nahanaha ne ne nhyɛaseɛ na ɔbɔ abɔwomu ne abotire. 5Afei, Israelfoɔ bɛbrɛ no mmirekyie mmienu a wɔde bɛbɔ wɔn bɔne ho afɔdeɛ ne odwennini a wɔde bɛbɔ wɔn ɔhyeɛ afɔdeɛ. 6“Deɛ ɛdi ɛkan no, ɔde nantwie ba no bɛma Awurade sɛ bɔne ho afɔdeɛ a ɔrebɔ ama ne ho de ayɛ mpatadeɛ ama ne ho ne ne fiefoɔ. 7Afei, ɔde mmirekyie mmienu no bɛba Awurade anim wɔ Ahyiaeɛ Ntomadan no ano
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.