3 Mose 16:6
Leviticus 16:6 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
“Deɛ ɛdi ɛkan no, ɔde nantwie ba no bɛma Awurade sɛ bɔne ho afɔdeɛ a ɔrebɔ ama ne ho de ayɛ mpatadeɛ ama ne ho ne ne fiefoɔ.
Leviticus 16:6 in English
Leviticus 16:6 · Berean Standard Bible
Aaron is to present the bull for his sin offering and make atonement for himself and his household.
Context
4Ɛsɛ sɛ ɔdware na ɔhyɛ atadeɛ nahanaha ne ne nhyɛaseɛ na ɔbɔ abɔwomu ne abotire. 5Afei, Israelfoɔ bɛbrɛ no mmirekyie mmienu a wɔde bɛbɔ wɔn bɔne ho afɔdeɛ ne odwennini a wɔde bɛbɔ wɔn ɔhyeɛ afɔdeɛ. 6“Deɛ ɛdi ɛkan no, ɔde nantwie ba no bɛma Awurade sɛ bɔne ho afɔdeɛ a ɔrebɔ ama ne ho de ayɛ mpatadeɛ ama ne ho ne ne fiefoɔ. 7Afei, ɔde mmirekyie mmienu no bɛba Awurade anim wɔ Ahyiaeɛ Ntomadan no ano 8na wɔabɔ wɔn so ntonto ahunu Awurade deɛ, ne deɛ ɛsɛ sɛ wɔsane de no korɔ.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.