3 Mose 16:3
Leviticus 16:3 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
“Sɛ ɔpɛ sɛ ɔkɔ hɔ a, deɛ ɛsɛ sɛ ɔyɛ nie: Ɛsɛ sɛ ɔde nantwinini ba ba ma wɔde bɔ bɔne ho afɔdeɛ na ɔde odwennini nso ba ma wɔde bɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ.
Leviticus 16:3 in English
Leviticus 16:3 · Berean Standard Bible
This is how Aaron is to enter the Holy Place: with a young bull for a sin offering and a ram for a burnt offering.
Context
1Aaron mmammarima baanu a wɔwuwuu wɔ Awurade anim wuo akyi no, Awurade ka kyerɛɛ Mose sɛ, 2“Bɔ wo nua Aaron kɔkɔ sɛ, ɔnnkɔ kronkronbea hɔ wɔ ntwamutam no akyi beaeɛ a apam adaka no si ne mmɔborɔhunu beaeɛ hɔ kwa. Ɔkɔ hɔ a ɔbɛwu, ɛfiri sɛ, mʼankasa mewɔ omununkum a ɛkata mpata beaeɛ so no mu. 3“Sɛ ɔpɛ sɛ ɔkɔ hɔ a, deɛ ɛsɛ sɛ ɔyɛ nie: Ɛsɛ sɛ ɔde nantwinini ba ba ma wɔde bɔ bɔne ho afɔdeɛ na ɔde odwennini nso ba ma wɔde bɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ. 4Ɛsɛ sɛ ɔdware na ɔhyɛ atadeɛ nahanaha ne ne nhyɛaseɛ na ɔbɔ abɔwomu ne abotire. 5Afei, Israelfoɔ bɛbrɛ no mmirekyie mmienu a wɔde bɛbɔ wɔn bɔne ho afɔdeɛ ne odwennini a wɔde bɛbɔ wɔn ɔhyeɛ afɔdeɛ.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.