Native Bible

Lamentations 4:3 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Mpo sakraman yi wɔn nufoɔ ma wɔn mma enum, nanso me nkurɔfoɔ ayɛ atirimuɔdenfoɔ sɛ sohori a ɔwɔ ɛserɛ so.

Lamentations 4:3 in English

Lamentations 4:3 · Berean Standard Bible

Even jackals * offer their breasts to nurse their young, but the daughter of my people has become cruel, like an ostrich in the wilderness.

Context

1Sɛdeɛ sikakɔkɔɔ a anka ɛhyerɛn no nie? Sikakɔkɔɔ amapa no ho abiri! Wɔatoto aboɔdemmoɔ kronkron apete wɔ mmɔntene biara so. 2Hwɛ sɛdeɛ Sion mmammarima a wɔdi mu na anka wɔsom bo sɛ sika kɔkɔɔ no ayɛ, seesei wɔfa wɔn sɛ dɔteɛ nkukuo, ɔnwomfoɔ nsa ano adwuma! 3Mpo sakraman yi wɔn nufoɔ ma wɔn mma enum, nanso me nkurɔfoɔ ayɛ atirimuɔdenfoɔ sɛ sohori a ɔwɔ ɛserɛ so. 4Osukɔm enti, akokoaa tɛkrɛma fam ne dodo mu; mmɔfra no su pɛ aduane, nanso obiara mfa mma wɔn. 5Wɔn a na anka wɔdi nnuane pa no ohia buruburo aka wɔn wɔ mmɔntene so. Wɔn a wɔde serekye tetee wɔn no seesei wɔdeda nso nkɔfie so.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.