Kwadwom 4:2
Lamentations 4:2 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Hwɛ sɛdeɛ Sion mmammarima a wɔdi mu na anka wɔsom bo sɛ sika kɔkɔɔ no ayɛ, seesei wɔfa wɔn sɛ dɔteɛ nkukuo, ɔnwomfoɔ nsa ano adwuma!
Lamentations 4:2 in English
Lamentations 4:2 · Berean Standard Bible
How the precious sons of Zion, once worth their weight in pure gold, are now esteemed as jars of clay, the work of a potter’s hands!
Context
1Sɛdeɛ sikakɔkɔɔ a anka ɛhyerɛn no nie?
Sikakɔkɔɔ amapa no ho abiri!
Wɔatoto aboɔdemmoɔ kronkron apete
wɔ mmɔntene biara so. 2Hwɛ sɛdeɛ Sion mmammarima a wɔdi mu
na anka wɔsom bo sɛ sika kɔkɔɔ no ayɛ,
seesei wɔfa wɔn sɛ dɔteɛ nkukuo,
ɔnwomfoɔ nsa ano adwuma! 3Mpo sakraman yi wɔn nufoɔ
ma wɔn mma enum,
nanso me nkurɔfoɔ ayɛ atirimuɔdenfoɔ
sɛ sohori a ɔwɔ ɛserɛ so. 4Osukɔm enti, akokoaa tɛkrɛma
fam ne dodo mu;
mmɔfra no su pɛ aduane,
nanso obiara mfa mma wɔn.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.