Kwadwom 4:5
Lamentations 4:5 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Wɔn a na anka wɔdi nnuane pa no ohia buruburo aka wɔn wɔ mmɔntene so. Wɔn a wɔde serekye tetee wɔn no seesei wɔdeda nso nkɔfie so.
Lamentations 4:5 in English
Lamentations 4:5 · Berean Standard Bible
Those who once ate delicacies are destitute in the streets; those brought up in crimson huddle in ash heaps.
Context
3Mpo sakraman yi wɔn nufoɔ
ma wɔn mma enum,
nanso me nkurɔfoɔ ayɛ atirimuɔdenfoɔ
sɛ sohori a ɔwɔ ɛserɛ so. 4Osukɔm enti, akokoaa tɛkrɛma
fam ne dodo mu;
mmɔfra no su pɛ aduane,
nanso obiara mfa mma wɔn. 5Wɔn a na anka wɔdi nnuane pa no
ohia buruburo aka wɔn wɔ mmɔntene so.
Wɔn a wɔde serekye tetee wɔn no
seesei wɔdeda nso nkɔfie so. 6Me nkurɔfoɔ asotwe
so sene Sodom a
wɔtuu wɔn mpofirim no deɛ,
a wɔannya ɔboafoɔ biara no. 7Na wɔn ahenemma ho twa sene sukyerɛmma,
na wɔhoa sene nufosuo,
na wɔn onipadua no bere na ɛwɔ ahoɔden te sɛ abohemaa,
na wɔte sɛ aboɔdemmoɔ.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.