Native Bible

Lamentations 2:4 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Wapoma ne bɛmma te sɛ ɔtamfoɔ; ne nsa nifa ayɛ krado. Sɛdeɛ ɔtamfoɔ yɛ no, wakunkum wɔn a wɔyɛ fɛ wɔ anisoɔ nyinaa; wahwie nʼabufuhyeɛ sɛ ogya agu Ɔbabaa Sion ntomadan so.

Lamentations 2:4 in English

Lamentations 2:4 · Berean Standard Bible

He has bent His bow like an enemy; His right hand is positioned. Like a foe He has killed all who were pleasing to the eye; He has poured out His wrath like fire on the tent of the Daughter of Zion.

Context

2Awurade annya ahummɔborɔ na wamene Yakob atenaeɛ nyinaa; nʼabufuhyeɛ mu, wadwiri Yuda Ɔbabaa aban denden no agu fam. Wagu nʼahennie ne ne mmapɔmma ho fi. 3Ɔde abufuhyeɛ atwitwa Israel mmɛn nyinaa. Wayi ne banbɔ wɔ ɛberɛ a atamfoɔ no reba. Wasɔ wɔ Yakob mu sɛ ogyadɛreɛ a ɛhye biribiara a atwa ho ahyia. 4Wapoma ne bɛmma te sɛ ɔtamfoɔ; ne nsa nifa ayɛ krado. Sɛdeɛ ɔtamfoɔ yɛ no, wakunkum wɔn a wɔyɛ fɛ wɔ anisoɔ nyinaa; wahwie nʼabufuhyeɛ sɛ ogya agu Ɔbabaa Sion ntomadan so. 5Awurade ayɛ sɛ ɔtamfoɔ; wamene Israel. Wamene nʼahemfie nyinaa asɛe nʼabandenden. Wama awerɛhoɔdie ne agyaadwotwa adɔɔso ama Yuda Ɔbabaa. 6Wama nʼatenaeɛ ada mpan sɛ turo; wasɛe ne dwabirem. Awurade ama Sion werɛ afiri nʼafahyɛ ne home nna; wɔ nʼabufuhyeɛ mu no wabu ɔhene ne ɔsɔfoɔ animtia.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.