Kwadwom 2:5
Lamentations 2:5 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Awurade ayɛ sɛ ɔtamfoɔ; wamene Israel. Wamene nʼahemfie nyinaa asɛe nʼabandenden. Wama awerɛhoɔdie ne agyaadwotwa adɔɔso ama Yuda Ɔbabaa.
Lamentations 2:5 in English
Lamentations 2:5 · Berean Standard Bible
The Lord is like an enemy; He has swallowed up Israel. He has swallowed up all her palaces and destroyed her strongholds. He has multiplied mourning and lamentation for the Daughter of Judah.
Context
3Ɔde abufuhyeɛ atwitwa
Israel mmɛn nyinaa.
Wayi ne banbɔ
wɔ ɛberɛ a atamfoɔ no reba.
Wasɔ wɔ Yakob mu sɛ ogyadɛreɛ
a ɛhye biribiara a atwa ho ahyia. 4Wapoma ne bɛmma te sɛ ɔtamfoɔ;
ne nsa nifa ayɛ krado.
Sɛdeɛ ɔtamfoɔ yɛ no, wakunkum
wɔn a wɔyɛ fɛ wɔ anisoɔ nyinaa;
wahwie nʼabufuhyeɛ sɛ ogya
agu Ɔbabaa Sion ntomadan so. 5Awurade ayɛ sɛ ɔtamfoɔ;
wamene Israel.
Wamene nʼahemfie nyinaa
asɛe nʼabandenden.
Wama awerɛhoɔdie ne agyaadwotwa adɔɔso
ama Yuda Ɔbabaa. 6Wama nʼatenaeɛ ada mpan sɛ turo;
wasɛe ne dwabirem.
Awurade ama Sion werɛ afiri
nʼafahyɛ ne home nna;
wɔ nʼabufuhyeɛ mu no
wabu ɔhene ne ɔsɔfoɔ animtia. 7Awurade apo nʼafɔrebukyia
na wagyae ne kronkronbea mu.
Ɔde nʼahemfie afasuo
ahyɛ nʼatamfoɔ nsa.
Wɔteam wɔ Awurade efie
te sɛ afahyɛ da.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.