Yosua 24:28
Joshua 24:28 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Afei, Yosua gyaa nnipa no kwan maa obiara kɔɔ nʼagyapadeɛ so.
Joshua 24:28 in English
Joshua 24:28 · Berean Standard Bible
Then Joshua sent the people away, each to his own inheritance.
Context
26Yosua twerɛɛ yeinom nyinaa guu Onyankopɔn Mmara Nwoma no mu. Ɔfaa ɔbotan kɛseɛ bi pire kɔtoo odum dua bi a ɛbɛn Awurade ntomadan no ase sɛ nkaeɛ adeɛ. 27Yosua ka kyerɛɛ nnipa no sɛ, “Saa ɔbotan yi ate biribiara a Awurade aka akyerɛ yɛn no. Sɛ moanni mo Onyankopɔn nokorɛ a, ɛbɛyɛ adansedeɛ atia mo.” 28Afei, Yosua gyaa nnipa no kwan maa obiara kɔɔ nʼagyapadeɛ so. 29Asɛm yi akyi, ankyɛre na Nun babarima Yosua, Awurade ɔsomfoɔ wuiɛ. Ɔdii mfirinhyia ɔha ne edu. 30Wɔsiee no wɔ nʼagyapadeɛ asase so wɔ Timnat-Sera a ɛwɔ Efraim bepɔ asase so, wɔ Gaas Bepɔ atifi fam.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.