Native Bible

Joshua 24:26 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Yosua twerɛɛ yeinom nyinaa guu Onyankopɔn Mmara Nwoma no mu. Ɔfaa ɔbotan kɛseɛ bi pire kɔtoo odum dua bi a ɛbɛn Awurade ntomadan no ase sɛ nkaeɛ adeɛ.

Joshua 24:26 in English

Joshua 24:26 · Berean Standard Bible

Joshua recorded these things in the Book of the Law of God. Then he took a large stone and set it up there under the oak * that was near the sanctuary of the LORD.

Context

24Nnipa no ka kyerɛɛ Yosua sɛ, “Yɛbɛsom Awurade, yɛn Onyankopɔn. Yɛbɛyɛ ɔsetie ama ɔno nko ara.” 25Enti, Yosua ne nnipa no yɛɛ apam saa ɛda no wɔ Sekem, de wɔn hyɛɛ nhyehyɛeɛ a emu yɛ den na ɛbɛtena hɔ daa wɔ wɔne Awurade ntam. 26Yosua twerɛɛ yeinom nyinaa guu Onyankopɔn Mmara Nwoma no mu. Ɔfaa ɔbotan kɛseɛ bi pire kɔtoo odum dua bi a ɛbɛn Awurade ntomadan no ase sɛ nkaeɛ adeɛ. 27Yosua ka kyerɛɛ nnipa no sɛ, “Saa ɔbotan yi ate biribiara a Awurade aka akyerɛ yɛn no. Sɛ moanni mo Onyankopɔn nokorɛ a, ɛbɛyɛ adansedeɛ atia mo.” 28Afei, Yosua gyaa nnipa no kwan maa obiara kɔɔ nʼagyapadeɛ so.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.