Native Bible

Joshua 10:43 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Afei, Yosua ne Israel akodɔm no sane kɔɔ wɔn atenaeɛ wɔ Gilgal.

Joshua 10:43 in English

Joshua 10:43 · Berean Standard Bible

Then Joshua returned with all Israel to the camp at Gilgal.

Context

41Yosua kunkumm wɔn firi Kades-Barnea kɔsii Gasa, de firii Gosen* kɔduruu Gibeon. 42Akodie baako mu no, Yosua dii ahemfo yi nyinaa so faa wɔn asase, ɛfiri sɛ, na Awurade, Israel Onyankopɔn, reko ma ne manfoɔ. 43Afei, Yosua ne Israel akodɔm no sane kɔɔ wɔn atenaeɛ wɔ Gilgal.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.