Native Bible

Joshua 10:41 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Yosua kunkumm wɔn firi Kades-Barnea kɔsii Gasa, de firii Gosen* kɔduruu Gibeon.

Joshua 10:41 in English

Joshua 10:41 · Berean Standard Bible

Joshua conquered the area from Kadesh-barnea to Gaza, and the whole region of Goshen as far as Gibeon.

Context

39Wɔfaa kuropɔn no, wɔn ɔhene ne nkuraa a atwa ho ahyia no nyinaa nnommum. Na wɔkumm obiara a ɔwɔ mu a anka ɔbaako mpo. Wɔsɛee Debir pasaa sɛdeɛ wɔsɛee Libna ne Hebron no. 40Na Yosua dii ɔmantam no nyinaa so. Ɔdii ahemfo no, nnipa a wɔte mmepɔ ɔman no so, Negeb, atɔeɛ fam nkokoɔ ne wɔn a wɔte mmepɔ nsianeɛ so no nyinaa so. Ɔsɛee wɔn nyinaa pasaa a anka ɔteasefoɔ fua mpo sɛdeɛ Awurade, Israel Onyankopɔn, hyɛɛ no. 41Yosua kunkumm wɔn firi Kades-Barnea kɔsii Gasa, de firii Gosen* kɔduruu Gibeon. 42Akodie baako mu no, Yosua dii ahemfo yi nyinaa so faa wɔn asase, ɛfiri sɛ, na Awurade, Israel Onyankopɔn, reko ma ne manfoɔ. 43Afei, Yosua ne Israel akodɔm no sane kɔɔ wɔn atenaeɛ wɔ Gilgal.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.