Native Bible

Joel 3:9 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Mo mpae mu nka yei wɔ aman so: Monsiesie mo ho mma ɔko! Monkanyane akodɔm! Momma mo mmarima akofoɔ no ntwe mpini, na wɔn mmɛko.

Joel 3:9 in English

Joel 3:9 · Berean Standard Bible

Proclaim this among the nations: “Prepare for war; rouse the mighty men; let all the men of war advance and attack!

Context

7“Nanso, mɛsane de wɔn afiri baabi a mokɔtɔn wɔn no aba, na deɛ moayɛ no nyinaa, mɛtua mo so ka. 8Mɛtontɔn mo mmammarima ne mo mmammaa ama Yudafoɔ, na wɔn nso atɔn wɔn ama Arabfoɔ, ɔman a ɛwɔ akyirikyiri no.” Me, Awurade, na makasa. 9Mo mpae mu nka yei wɔ aman so: Monsiesie mo ho mma ɔko! Monkanyane akodɔm! Momma mo mmarima akofoɔ no ntwe mpini, na wɔn mmɛko. 10Momfa mo mfuntumdadeɛ no mmɔ akofena, na momfa mo nsɔsɔwa mmɔ mpea. Ma deɛ wɔayɛ mmerɛ nka sɛ, “mewɔ ahoɔden!” 11Monyɛ ntɛm mmra, mo amanaman a moatwa ahyia, mo mmɛboa mo ho ano wɔ hɔ. Fa wʼakofoɔ bra, Ao Awurade!

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.