Yoɛl 3:10
Joel 3:10 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Momfa mo mfuntumdadeɛ no mmɔ akofena, na momfa mo nsɔsɔwa mmɔ mpea. Ma deɛ wɔayɛ mmerɛ nka sɛ, “mewɔ ahoɔden!”
Joel 3:10 in English
Joel 3:10 · Berean Standard Bible
Beat your plowshares into swords and your pruning hooks into spears. Let the weak say, ‘I am strong!’
Context
8Mɛtontɔn mo mmammarima ne mo mmammaa ama Yudafoɔ, na wɔn nso atɔn wɔn ama Arabfoɔ, ɔman a ɛwɔ akyirikyiri no.” Me, Awurade, na makasa. 9Mo mpae mu nka yei wɔ aman so:
Monsiesie mo ho mma ɔko!
Monkanyane akodɔm!
Momma mo mmarima akofoɔ no ntwe mpini, na wɔn mmɛko. 10Momfa mo mfuntumdadeɛ no mmɔ akofena,
na momfa mo nsɔsɔwa mmɔ mpea.
Ma deɛ wɔayɛ mmerɛ nka sɛ,
“mewɔ ahoɔden!” 11Monyɛ ntɛm mmra,
mo amanaman a moatwa ahyia,
mo mmɛboa mo ho ano wɔ hɔ.
Fa wʼakofoɔ bra, Ao Awurade! 12“Wɔnkanyane aman no;
wɔntu ntene nkɔ Yehosafat bɔnhwa no mu,
ɛfiri sɛ ɛhɔ na mɛtena
na mabu aman a atwa ahyia no nyinaa atɛn.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.