Joel 3:4 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
“Ɛdeɛn na mowɔ tia me, Ao Tiro ne Sidon ne mo Filistia amantam nyinaa? Mopɛ sɛ motɔ me so awere anaa? Sɛ saa na ɛte deɛ a, monhwɛ yie. Mɛyɛ ntɛm, atua mo biribiara a moayɛ no so ka.
Joel 3:4 in English
Joel 3:4 · Berean Standard Bible
Now what do you have against Me, O Tyre, Sidon, and all the regions of Philistia? Are you rendering against Me a recompense? If you retaliate against Me, I will swiftly and speedily return your recompense upon your heads.
Context
2Mɛboa aman nyinaa ano,
na mede wɔn aba Yehosafat bɔnhwa mu.
Ɛhɔ na mɛbu wɔn atɛn
wɔ deɛ wɔyɛɛ mʼagyapadeɛ, a ɛyɛ Israelfoɔ ho,
ɛfiri sɛ wɔbɔɔ me nkurɔfoɔ hwetee aman so,
na wɔkyekyɛɛ mʼasase mu. 3Wɔbɔɔ me nkurɔfoɔ so ntonto,
Wɔtɔn mmerantewaa de emu sika bɔɔ adwaman.
Wɔtɔn mmaayewa nso de gyee nsã,
a wɔbɛnom. 4“Ɛdeɛn na mowɔ tia me, Ao Tiro ne Sidon ne mo Filistia amantam nyinaa? Mopɛ sɛ motɔ me so awere anaa? Sɛ saa na ɛte deɛ a, monhwɛ yie. Mɛyɛ ntɛm, atua mo biribiara a moayɛ no so ka. 5Mofaa me dwetɛ ne me sikakɔkɔɔ ne mʼagyapadeɛ a ɛsom bo, na mosoa kɔguu mo abosonnan mu. 6Motontɔn nnipa a wɔte Yuda ne Yerusalem maa Helafoɔ* sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, wɔbɛfiri wɔn asase so akɔ akyirikyiri.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.