Joel 3:5 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Mofaa me dwetɛ ne me sikakɔkɔɔ ne mʼagyapadeɛ a ɛsom bo, na mosoa kɔguu mo abosonnan mu.
Joel 3:5 in English
Joel 3:5 · Berean Standard Bible
For you took My silver and gold and carried off My finest treasures to your temples.*
Context
3Wɔbɔɔ me nkurɔfoɔ so ntonto,
Wɔtɔn mmerantewaa de emu sika bɔɔ adwaman.
Wɔtɔn mmaayewa nso de gyee nsã,
a wɔbɛnom. 4“Ɛdeɛn na mowɔ tia me, Ao Tiro ne Sidon ne mo Filistia amantam nyinaa? Mopɛ sɛ motɔ me so awere anaa? Sɛ saa na ɛte deɛ a, monhwɛ yie. Mɛyɛ ntɛm, atua mo biribiara a moayɛ no so ka. 5Mofaa me dwetɛ ne me sikakɔkɔɔ ne mʼagyapadeɛ a ɛsom bo, na mosoa kɔguu mo abosonnan mu. 6Motontɔn nnipa a wɔte Yuda ne Yerusalem maa Helafoɔ* sɛdeɛ ɛbɛyɛ a, wɔbɛfiri wɔn asase so akɔ akyirikyiri. 7“Nanso, mɛsane de wɔn afiri baabi a mokɔtɔn wɔn no aba, na deɛ moayɛ no nyinaa, mɛtua mo so ka.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.