Joel 3:2 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Mɛboa aman nyinaa ano, na mede wɔn aba Yehosafat bɔnhwa mu. Ɛhɔ na mɛbu wɔn atɛn wɔ deɛ wɔyɛɛ mʼagyapadeɛ, a ɛyɛ Israelfoɔ ho, ɛfiri sɛ wɔbɔɔ me nkurɔfoɔ hwetee aman so, na wɔkyekyɛɛ mʼasase mu.
Joel 3:2 in English
Joel 3:2 · Berean Standard Bible
I will gather all the nations and bring them down to the Valley of Jehoshaphat.* There I will enter into judgment against them concerning My people, My inheritance, Israel, whom they have scattered among the nations as they divided up My land.
Context
1“Saa nna no mu,
mede Yuda ne Yerusalem ahonyadeɛ bɛsane aba. 2Mɛboa aman nyinaa ano,
na mede wɔn aba Yehosafat bɔnhwa mu.
Ɛhɔ na mɛbu wɔn atɛn
wɔ deɛ wɔyɛɛ mʼagyapadeɛ, a ɛyɛ Israelfoɔ ho,
ɛfiri sɛ wɔbɔɔ me nkurɔfoɔ hwetee aman so,
na wɔkyekyɛɛ mʼasase mu. 3Wɔbɔɔ me nkurɔfoɔ so ntonto,
Wɔtɔn mmerantewaa de emu sika bɔɔ adwaman.
Wɔtɔn mmaayewa nso de gyee nsã,
a wɔbɛnom. 4“Ɛdeɛn na mowɔ tia me, Ao Tiro ne Sidon ne mo Filistia amantam nyinaa? Mopɛ sɛ motɔ me so awere anaa? Sɛ saa na ɛte deɛ a, monhwɛ yie. Mɛyɛ ntɛm, atua mo biribiara a moayɛ no so ka.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.