Native Bible

Joel 2:6 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

Aman ani bɔ wɔn so a, ehu bɔ wɔn; na wɔn anim to hoa.

Joel 2:6 in English

Joel 2:6 · Berean Standard Bible

Nations writhe in horror before them; every face turns pale.

Context

4Wɔte sɛ apɔnkɔ. Wɔhurihuri te sɛ apɔnkɔsotefoɔ asraadɔm. 5Wɔyɛ gyegyeegye te sɛ nteaseɛnam na wɔtu fa mmepɔ atifi, wɔte sɛ ogyaframa a ɛrehyeɛ wira dwaneeɛ, wɔte sɛ asraadɔm akantinka a wɔrekɔ ɔsa. 6Aman ani bɔ wɔn so a, ehu bɔ wɔn; na wɔn anim to hoa. 7Wɔko kɔ wɔn anim te sɛ akofoɔ; wɔforo afasuo te sɛ asraafoɔ na wɔn nyinaa kɔ wɔn anim tee, na wɔmmane benkum anaa nifa. 8Obiara ntwintwane ɔfoforɔ anan mu; obiara nante kɔ nʼanim tee. Wɔbu fa banbɔeɛ so, na wɔpem kɔ wɔn anim ara.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.