Joel 2:4 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Wɔte sɛ apɔnkɔ. Wɔhurihuri te sɛ apɔnkɔsotefoɔ asraadɔm.
Joel 2:4 in English
Joel 2:4 · Berean Standard Bible
Their appearance is like that of horses, and they gallop like swift steeds.*
Context
2Esum ne kusukuukuu ɛda.
Omununkum ne esum kabii ɛda.
Sɛdeɛ adekyeeɛ hann trɛtrɛ wɔ mmepɔ so no,
saa ara na asraadɔm a wɔ dɔɔso na wɔyɛ den ba no teɛ.
Wɔnhunuu wɔn sɛso bi da,
na wɔrenhunu ne sɛso nso da. 3Egya rehye wɔ wɔn anim,
ogyaframa dɛre wɔ wɔn akyi,
asase a ɛda wɔn anim no te sɛ Eden turo,
deɛ ɛda wɔn akyi no te sɛ anweatam,
biribiara nni hɔ a ɛpa wɔn ani so. 4Wɔte sɛ apɔnkɔ.
Wɔhurihuri te sɛ apɔnkɔsotefoɔ asraadɔm. 5Wɔyɛ gyegyeegye te sɛ nteaseɛnam
na wɔtu fa mmepɔ atifi,
wɔte sɛ ogyaframa a ɛrehyeɛ wira dwaneeɛ,
wɔte sɛ asraadɔm akantinka a wɔrekɔ ɔsa. 6Aman ani bɔ wɔn so a, ehu bɔ wɔn;
na wɔn anim to hoa.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.