Yoɛl 2:21
Joel 2:21 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Monnsuro, me nkurɔfoɔ! Momma mo ani nnye, na monsɛpɛ mo ho. Nokorɛm Awurade ayɛ nneɛma akɛseɛ.
Joel 2:21 in English
Joel 2:21 · Berean Standard Bible
Do not be afraid, O land; rejoice and be glad, for the LORD has done great things.
Context
19Awurade bɛbua sɛ,
“Merebrɛ mo aduane, nsã foforɔ ne ngo,
a ɛbɛso mo ama mo amee pintinn.
Merenyɛ mo ahohoradeɛ
mma aman no bio. 20“Mɛpam atifi fam asraadɔm no afiri wo nkyɛn akɔ akyirikyiri,
mɛpia wɔn akɔ asase a awoɔ na ɛyɛ bonini soɔ.
Adonten dɔm no bɛmem wɔ apueeɛ ɛpo no mu,
na kyidɔm no bɛmem wɔ Mfimfini Po no mu.
Na afunu no bɛbɔn
na nka no bɛtu.”
Nokorɛm wayɛ nneɛma akɛseɛ. 21Monnsuro, me nkurɔfoɔ!
Momma mo ani nnye, na monsɛpɛ mo ho.
Nokorɛm Awurade ayɛ nneɛma akɛseɛ. 22Monnsuro, mo wiram mmoa!
Ɛfiri sɛ ɛserɛ so adidibea reyɛ frɔmm.
Nnua no reso wɔn aba;
borɔdɔma ne bobe nso reso wɔn aba. 23Momma mo ani nnye, mo Sion mma,
Mo nni ahurisi wɔ Awurade mo Onyankopɔn mu,
ɛfiri sɛ watɔ nsuo ama mo,
ne nokorɛdie enti.
Watɔ nsuo bebree ama mo
wɔ ne berɛ mu te sɛ kane no.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.