Native Bible

Joel 2:20 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

“Mɛpam atifi fam asraadɔm no afiri wo nkyɛn akɔ akyirikyiri, mɛpia wɔn akɔ asase a awoɔ na ɛyɛ bonini soɔ. Adonten dɔm no bɛmem wɔ apueeɛ ɛpo no mu, na kyidɔm no bɛmem wɔ Mfimfini Po no mu. Na afunu no bɛbɔn na nka no bɛtu.” Nokorɛm wayɛ nneɛma akɛseɛ.

Joel 2:20 in English

Joel 2:20 · Berean Standard Bible

The northern army I will drive away from you, banishing it to a barren and desolate land, its front ranks into the Eastern Sea,* and its rear guard into the Western Sea.* And its stench will rise; its foul odor will ascend. For He has done great things.

Context

18Na Awurade bɛtwe ninkunu wɔ nʼasase ho na ne nkurɔfoɔ ayɛ no mmɔbɔ. 19Awurade bɛbua sɛ, “Merebrɛ mo aduane, nsã foforɔ ne ngo, a ɛbɛso mo ama mo amee pintinn. Merenyɛ mo ahohoradeɛ mma aman no bio. 20“Mɛpam atifi fam asraadɔm no afiri wo nkyɛn akɔ akyirikyiri, mɛpia wɔn akɔ asase a awoɔ na ɛyɛ bonini soɔ. Adonten dɔm no bɛmem wɔ apueeɛ ɛpo no mu, na kyidɔm no bɛmem wɔ Mfimfini Po no mu. Na afunu no bɛbɔn na nka no bɛtu.” Nokorɛm wayɛ nneɛma akɛseɛ. 21Monnsuro, me nkurɔfoɔ! Momma mo ani nnye, na monsɛpɛ mo ho. Nokorɛm Awurade ayɛ nneɛma akɛseɛ. 22Monnsuro, mo wiram mmoa! Ɛfiri sɛ ɛserɛ so adidibea reyɛ frɔmm. Nnua no reso wɔn aba; borɔdɔma ne bobe nso reso wɔn aba.

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.