Hiob 6:12
Job 6:12 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Mewɔ ahoɔden sɛ ɛboɔ anaa? Me honam yɛ kɔbere mfrafraeɛ anaa?
Job 6:12 in English
Job 6:12 · Berean Standard Bible
Is my strength like that of stone, or my flesh made of bronze?
Context
10ɛnneɛ anka mɛkɔ so anya saa awerɛkyekyerɛ yi.
Nanso, ɔyea yi nyinaa akyi no
memmuu Ɔkronkronni no nsɛm so da. 11“Ahoɔden bɛn na mewɔ a enti ɛsɛ sɛ menya anidasoɔ?
Daakye nneɛma pa bɛn enti na ɛsɛ sɛ menya ntoboaseɛ? 12Mewɔ ahoɔden sɛ ɛboɔ anaa?
Me honam yɛ kɔbere mfrafraeɛ anaa? 13Mewɔ tumi a mede bɛboa me ho anaa?
Saa ɛberɛ yi a nkonimdie apare me yi? 14“Deɛ nʼanidasoɔ asa no hia ne nnamfonom mpaeɛbɔ,
ɛnyɛ saa a, ɔbɛpa aba wɔ Otumfoɔ no suro ho.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.