Hiob 42:6
Job 42:6 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Ɛno enti mebu me ho animtiaa na mete mfuturo ne nsõ mu de kyerɛ mʼahonu.”
Job 42:6 in English
Job 42:6 · Berean Standard Bible
Therefore I retract my words, and I repent in dust and ashes.”
Context
4“Wokaa sɛ, ‘Tie na menkasa;
mɛbisa wo nsɛm
na ɛsɛ sɛ woma me mmuaeɛ.’ 5Mate wo nka pɛn,
na seesei deɛ, mʼani ahunu wo. 6Ɛno enti mebu me ho animtiaa
na mete mfuturo ne nsõ mu de kyerɛ mʼahonu.” 7Na Awurade kaa nsɛm yi kyerɛɛ Hiob wieeɛ no, Awurade ka kyerɛɛ Temanni Elifas sɛ, “Me bo afu wo ne wo nnamfonom baanu no, ɛfiri sɛ, moanka me ho asɛm a ɛyɛ nokorɛ sɛdeɛ me ɔsomfoɔ Hiob kaeɛ no. 8Afei, momfa anantwie nson ne nnwennini nson, na monkɔ me ɔsomfoɔ Hiob nkyɛn, na monkɔbɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ mma mo ho. Me ɔsomfoɔ Hiob bɛbɔ mpaeɛ ama mo, na mɛtie ne mpaeɛbɔ no na merenyɛ mo sɛdeɛ ɛfata mo nkwaseasɛm no. Nsɛm a moka faa me ho no nyɛ nokorɛ sɛdeɛ me ɔsomfoɔ Hiob yɛeɛ no.”
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.