Hiob 39:21
Job 39:21 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Ɔde ne nan tintim fam denden, na nʼani gye nʼahoɔden mu, na afei ɔbɔ wura ɔko mu.
Job 39:21 in English
Job 39:21 · Berean Standard Bible
He paws in the valley and rejoices in his strength; he charges into battle.
Context
19“Wo na woma ɔpɔnkɔ no nʼahoɔden
anaa wode ne kɔn mu nwi kuhaa no ma no? 20Wo na woma no huri te sɛ ntutummɛ,
na ɔde ne nkorɔmo hunahuna anaa? 21Ɔde ne nan tintim fam denden, na nʼani gye nʼahoɔden mu,
na afei ɔbɔ wura ɔko mu. 22Ɔmmɔ hu, na ɔnsuro biribiara;
ɔhunu akofena a ɔnnwane. 23Bɛmma woso wɔ ne nkyɛn mu bɔha mu,
na pea ne pɛmɛ nso di ahim wɔ ne ho.
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.