Native Bible

Job 38:9 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020

ɛberɛ a mede omununkum yɛɛ nʼaduradeɛ na mede esum kabii kyekyeree noɔ,

Job 38:9 in English

Job 38:9 · Berean Standard Bible

when I made the clouds its garment and thick darkness its blanket,

Context

7ɛberɛ a anɔpa nsoromma bɔɔ mu too dwom, na abɔfoɔ nyinaa de anigyeɛ teaam no? 8“Hwan na ɔkaa ɛpo hyɛɛ apono akyi, ɛberɛ a ɛpue firii yafunu mu, 9ɛberɛ a mede omununkum yɛɛ nʼaduradeɛ na mede esum kabii kyekyeree noɔ, 10ɛberɛ a metoo hyeɛ maa noɔ na mesisii nʼapono ne nʼadaban, 11ɛberɛ a mekaa sɛ, ‘Ɛha ara na wobɛduru, ɛntra ha; ɛha na wʼahantan asorɔkyeɛ no mmɛso’?

Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.