Hiob 38:7
Job 38:7 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
ɛberɛ a anɔpa nsoromma bɔɔ mu too dwom, na abɔfoɔ nyinaa de anigyeɛ teaam no?
Job 38:7 in English
Job 38:7 · Berean Standard Bible
while the morning stars sang together and all the sons of God shouted for joy?
Context
5Hwan na ɔsusuu ne tenten ne ne tɛtrɛtɛ? Ampa ara wonim!
Hwan na ɔtwee susuhoma faa ani? 6Ɛdeɛn so na ɛgyina,
anaasɛ hwan na ɔtoo ne tweatiboɔ no, 7ɛberɛ a anɔpa nsoromma bɔɔ mu too dwom,
na abɔfoɔ nyinaa de anigyeɛ teaam no? 8“Hwan na ɔkaa ɛpo hyɛɛ apono akyi,
ɛberɛ a ɛpue firii yafunu mu, 9ɛberɛ a mede omununkum yɛɛ nʼaduradeɛ
na mede esum kabii kyekyeree noɔ,
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.