Hiob 38:30
Job 38:30 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
ɛberɛ a nsuo kyene dane sɛ ɛboɔ, na ebunu ani kyene?
Job 38:30 in English
Job 38:30 · Berean Standard Bible
when the waters become hard as stone and the surface of the deep is frozen?
Context
28Osutɔ wɔ agya anaa?
Hwan na ɔyɛ agya ma obosuo? 29Hwan yafunu mu na nsukyeneeɛ fire?
Hwan na ɔwoo nsukyeneeɛ mporoporowa firi soro 30ɛberɛ a nsuo kyene dane sɛ ɛboɔ,
na ebunu ani kyene? 31“Wobɛtumi de ahoma akyekyere Akokɔbaatan ne ne mma?
Wobɛtumi asane Nwenwenente nhoma anaa? 32Wobɛtumi de anɔpa nsoromma aba wɔ ne berɛ mu
anaasɛ wobɛtumi ayi sisire ne ne mma afiri hɔ?
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.