Hiob 38:32
Job 38:32 · Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible 2020
Wobɛtumi de anɔpa nsoromma aba wɔ ne berɛ mu anaasɛ wobɛtumi ayi sisire ne ne mma afiri hɔ?
Job 38:32 in English
Job 38:32 · Berean Standard Bible
Can you bring forth the constellations in their seasons * or lead out the Bear * and her cubs?
Context
30ɛberɛ a nsuo kyene dane sɛ ɛboɔ,
na ebunu ani kyene? 31“Wobɛtumi de ahoma akyekyere Akokɔbaatan ne ne mma?
Wobɛtumi asane Nwenwenente nhoma anaa? 32Wobɛtumi de anɔpa nsoromma aba wɔ ne berɛ mu
anaasɛ wobɛtumi ayi sisire ne ne mma afiri hɔ? 33Wonim mmara a ɛfa ewiem ho?
Wobɛtumi de Onyankopɔn ahennie aba asase so? 34“Wobɛtumi ama wo nne aduru omununkum so
na wode nsuo akata wo ho anaa?
Asante Twi text and audio: Biblica® Open Asante Twi Contemporary Bible™, made available under an open license by Biblica, Inc.